Hebrews 8

Wɔde Kristo Bɔɔ Afɔre

1Asɛm a yegyina so kasa no ne sɛ: Yɛwɔ Ɔsɔfopanyin a ɔte Otumfo a ɔwɔ ɔsoro no ahengua no nifa, 2na ɔsom sɛ Ɔsɔfopanyin wɔ Kronkronbea a ɛyɛ nokware ntamadan a ɛnyɛ onipa biara na osii, sɛ Awurade no mu hɔ.

3Woyi Ɔsɔfopanyin biara sɛ ɔmfa akyɛde ne mmoa mmɔ Onyankopɔn afɔre. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yɛn Sɔfopanyin nya biribi a ɔde bɛbɔ afɔre. 4Sɛ Yesu wɔ asase so a, anka ɔrenyɛ ɔsɔfo koraa efisɛ asɔfo wɔ hɔ a wɔde afɔrebɔde ma, sɛnea Yudafo mmara kyerɛ no. 5Nanso dwuma a wodi sɛ asɔfo no yɛ ɔsoro nsusuwso bi kwa. Eyi nti na wɔbɔɔ Mose kɔkɔ bere a ɔpɛɛ sɛ osi ntamadan no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Si no sɛnea merekyerɛ wo wɔ bepɔw no so pɛpɛɛpɛ.” 6Afei de, wɔama Yesu asɔfodwuma a ɛso kyɛn wɔn de no. Yesu yɛ apam a ɛkyɛn so a wogyina bɔhyɛ a ɛkyɛn so so hyɛe no ntamgyinafo.

7Sɛ na apam a edi kan no ye a, anka ɛho nhia sɛ wɔbɛyɛ apam a ɛto so abien no. 8Nanso Onyankopɔn huu mfomso wɔ ne nkurɔfo ho bere a ɔkae se, “Nna bi reba, Awurade na ose,
a me ne Israelfo ne Yuda abusuakuw
bɛhyehyɛ apam foforo.

9 Ɛrenyɛ sɛ apam a
me ne wɔn agyanom yɛɛ no
bere a misoo wɔn nsa
dii wɔn anim fii Misraim no.
Wɔanni apam a me ne wɔn hyehyɛɛ no ho nokware,
ɛno nti mantew mʼani anhwɛ wɔn,
Awurade na ose.

10 Afei eyi ne apam a me ne Israelfo bɛhyehyɛ wɔ
bere a ɛreba no mu, Awurade na ose:
Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu
na makyerɛw agu wɔn koma mu.
Mɛyɛ wɔn Nyankopɔn
na wɔayɛ me nkurɔfo.

11 Wɔn mu biara renka nkyerɛ ne yɔnko
anaa ne kuromni se, ‘Hu Awurade!’
Efisɛ wɔn nyinaa behu me fi
akumaa so kosi ɔkɛse so.

12 Mehu wɔn mmɔbɔ wɔ wɔn bɔne ho;
na merenkae wɔn bɔne bio.”

Nhyehyɛe Dedaw No

13Frɛ a wɔfrɛ saa apam yi “Foforo” no ama nea wɔyɛɛ kan no ayɛ dedaw; na biribiara a enyin yɛ dedaw no nkyɛ yera.
Copyright information for TwiAKNA